Babel

The Tower of Babel (Genesis 11: 1-9)

Akan / Twi / Fante

Akuapem Twi orthography

  1. Saa bere no na asase sofo nyinaa ka kasa biako na na wɔwɔ nsɛmfua koro.
  2. Bere a wɔde wɔn ani kyerɛɛ apuei no, wɔkɔtoo asasetaw bi wɔ Sinar asase so, na wɔtenaa hɔ.
  3. Ɛnna wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwɛ! Momma yɛnyɛ birikisi mfa ogya ntõ.” Enti birikisi bɛyɛɛ abo maa wɔn, na wɔde kootaa hyehyɛe.
  4. Ɛnna wɔsan kae sɛ: “Hwɛ! Momma yɛnkyekye kurow kɛse na yɛnto abantenten a n’atifi bedu soro, na yennye din, na yɛammɔ anhwete asase nyinaa so.”
  5. Afei Yehowa bɛhwɛɛ kurow a adesamma rekyekye ne abantenten a wɔreto no.
  6. Na Yehowa kae sɛ: “Hwɛ! Wɔyɛ nnipa biako na wɔka kasa biako, na nea wɔafi ase reyɛ ni. Biribiara nni hɔ a wɔpɛ sɛ wɔyɛ a wontumi nyɛ. 7 Hwɛ! Ma yensian nkɔyɛ wɔn kasa basabasa na obiara ante ne yɔnko kasa.”
  7. Enti Yehowa bɔɔ wɔn hwetee asase so nyinaa, na wogyaee kurow no kyekye.
  8. Eyi nti na wɔbɛfrɛɛ hɔ Babel, efisɛ ɛhɔ na Yehowa yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa, na efi hɔ na Yehowa bɔɔ wɔn hwetee asase so nyinaa.

From: Kyerɛw Kronkron – Wiase Foforo Nkyerɛase

Another version of this text in Twi Akuapem

Babel abantenten

  1. Na asase nyinaa sofo yɛ ɔnokoro kasa ɔkasa koro.
  2. Na ɛbae sɛ wotuu kwan faa apuei no, wohuu asasetaw bi wɔ Sinear asase so, na wɔtraa hɔ.
  3. Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntayaa, na yɛntõ! Na ntayaa no yɛɛ wɔn abo, na ama yɛɛ wɔn dɔte.
  4. Ɛnna wɔkae sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekye kurow, na yɛnto abantenten a n'atifi bedu soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.
  5. Na Awurade duru bɛhwɛɛ kurow ne abantenten a nnipa mma reto no.
  6. Na Awurade kae sɛ: Hwɛ, wɔyɛ ɔman biako, na wɔn nyinaa kasa ɔkasa koro na nea wɔafi asa reyɛ ni; na afei, biribiara rentumi nsiw wɔn nea wosusuw sɛ wɔbɛyɛ no biara ho kwan.
  7. Wiɛ, momma yensian nkɔ hɔ na yɛnkɔyɛ wɔn kasa basabasa, na wɔn mu biara ante ne yɔnko kasa bio.
  8. Na efi hɔnom na Awurade bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wogyaee kurow no kyekye.
  9. Enti na wɔfrɛ hɔ Babel [ase ne: Basabasa], efisɛ ɛhɔ a Awurade yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa, na efi hɔ na Awurade bɔɔ wɔn hwetee asase nyinyaa ani.

Source: Anyamesɛm Anaa Kyerɛw Kronkron Akan Kasa Mu. The Bible in Twi Akuapem. The Bible Society of Ghana. Accra, 1993.

Contributed by Wolfgang Kuhl

Asante Twi orthography

  1. Saa berɛ no na asase sofoɔ nyinaa ka kasa baako na na wɔwɔ nsɛmfua korɔ.
  2. Berɛ a wɔde wɔn ani kyerɛɛ apueeɛ no, wɔkɔtoo asasetamaa bi wɔ Sinar asase so, na wɔtenaa hɔ.
  3. Ɛnna wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwɛ! Momma yɛnyɛ birikisi mfa gya ntõ.” Enti birikisi bɛyɛɛ aboɔ maa wɔn, na wɔde kootaa hyehyɛeɛ.
  4. Ɛnna wɔsan kaa sɛ: “Hwɛ! Momma yɛnkyekyere kuro kɛseɛ na yɛnto abantenten a n’atifi bɛduru soro, na yɛnnye din, na yɛammɔ anhwete asase nyinaa so.”
  5. Afei Yehowa bɛhwɛɛ kuro a adasamma rekyekyerɛ ne abantenten a wɔretoɔ no.
  6. Na Yehowa kaa sɛ: “Hwɛ! Wɔyɛ nnipa baako na wɔka kasa baako, na deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ nie. Biribiara nni hɔ a wɔpɛ sɛ wɔyɛ a wɔntumi nyɛ.
  7. Hwɛ! Ma yɛnsiane nkɔyɛ wɔn kasa basabasa na obiara ante ne yɔnko kasa.”
  8. Enti Yehowa bɔɔ wɔn hwetee asase so nyinaa, na wɔgyaee kuro no kyekyerɛ.
  9. Yei nti na wɔbɛfrɛɛ hɔ Babel, ɛfiri sɛ ɛhɔ na Yehowa yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa, na ɛfiri hɔ na Yehowa bɔɔ wɔn hwetee asase so nyinaa.

From: Kyerɛw Kronkron – Wiase Foforo Nkyerɛase

Another version of this text in Asante Twi

Babel abantentene

  1. Na asase nyinaa sofoɔ yɛ anokorɔ kasa kasa korɔ.
  2. Na wɔtuu kwan faa apueeɛ no, wɔhunuu asasetam bi wɔ Sinear asase so, na wɔtenaa hɔ.
  3. Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɔ ntayaa, na yɛntõ! Na ntayaa no yɛɛ wɔn aboɔ, na amã yɛɛ wɔn dɔteɛ.
  4. Ɛnna wɔkaa sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekyere kuro, na yɛnto abantentene a n'atifi beduru soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.
  5. Na Awurade duru bɛhwɛɛ kuro ne abantentene a nnipa mma retoɔ no.
  6. Na Awurade kaa sɛ: Hwɛ, wɔyɛ ɔman baako, na wɔn nyinaa kasa kasa korɔ; na deɛ wɔafiri asaɛ reyɔ nie; na afei, biribiara rentumi nsi wɔn deɛ wɔsusu sɛ wɔbɛyɔ no biara ho kwan.
  7. Wiɛ, momma yɛnsiane nkɔ hɔ na yɛnkɔyɛ wɔn kasa basabasa, na wɔn mu biara ante ne yɔnko kasa bio.
  8. Na ɛfiri hɔnom na Awurade bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wɔgyaee kuro no kyekyerɛ.
  9. Enti na wɔfrɛ hɔ Babel [aseɛ ne: Basabasa], ɛfiri sɛ ɛhɔ na Awurade yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa, na ɛfiri hɔ na Awurade bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.

Source: Anyamesɛm Anaa Twerɛ Kronkron Akan Kasa Mu. The Bible in Twi Asante. The Bible Society of Ghana. Accra, 2002.

Contributed by Wolfgang Kuhl

Information about Akan | Numbers | Tower of Babel

Tower of Babel in Kwa languages

Akan (Twi/Fante), Chumburung, Ga, Gonja, Nzema, Twi

Other Tower of Babel translations

By language | By language family

[top]


Green Web Hosting - Kualo

Why not share this page:

 

The Fastest Way to Learn Japanese Guaranteed with JapanesePod101.com

If you like this site and find it useful, you can support it by making a donation via PayPal or Patreon, or by contributing in other ways. Omniglot is how I make my living.

 

Note: all links on this site to Amazon.com, Amazon.co.uk and Amazon.fr are affiliate links. This means I earn a commission if you click on any of them and buy something. So by clicking on these links you can help to support this site.

Get a 30-day Free Trial of Amazon Prime (UK)

If you're looking for home or car insurance in the UK, why not try Policy Expert?

[top]

iVisa.com